Psalms 111


1Monkamfo Awurade!

Mefi me koma nyinaa mu ama Awurade so
wɔ atreneefo aguabɔ ne asafo no mu.


2 Awurade nnwuma yɛ akɛse;
wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susuw ho.

3 Ne nnwuma yɛ tumi ne anuonyam,
na ne trenee wɔ hɔ daa.

4 Ɔma yɛkae nʼanwonwade;
Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo.

5 Ɔma wɔn a wosuro no no aduan;
ɔkae nʼapam no daa.


6 Wakyerɛ ne nkurɔfo tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu,
sɛ ɔde aman afoforo nsase ama wɔn.

7 Ne nsa ano nnwuma yɛ nokware na ɛteɛ;
nʼahyɛde nyinaa mu wɔ ahotoso.

8 Etim hɔ daa daa,
nokware ne trenee mu na ɔyɛe.

9 Ɔde ogye maa ne nkurɔfo;
ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ,
ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu.


10 Awurade suro yɛ nyansa mfiase;
wɔn a wodi nʼahyɛde so nyinaa wɔ nhumu pa.
Ɔno na daa ayeyi wɔ no.
Copyright information for TwiAKNA